8 Enti mma w’ani nnwu yɛn Awurade ho adansedi+ ne me a ne nti meyɛ ɔdeduani no ho,+ na mmom wo nso hu asɛmpa no ho amane+ bi, sɛnea Onyankopɔn tumi te.+
9 Me Yohane, mo nua a ɔne mo nyinaa nya kyɛfa wɔ ahohiahia+ ne ahenni+ ne boasetɔ+ mu wɔ Yesu mu,+ mikopuee supɔw a wɔfrɛ no Patmo so esiane Onyankopɔn ho asɛm a mekae ne Yesu ho adanse a midii nti.+
10 Afei mehwee ne nan ase sɛ merekotow no.+ Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ yiye! Nyɛ saa!+ Meyɛ akoa ara kwa te sɛ wo ne wo nuanom a wokura Yesu ho adansedi adwuma mu no.+ Som Onyankopɔn;+ efisɛ Yesu ho adansedi na ɛma wɔhyɛ nkɔm.”+