33 Na wɔn a Yehowa bekunkum wɔn saa da no begugu hɔ fi asase ano akɔpem asase ano.+ Wɔrenyɛ wɔn ayi, wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn nso.+ Wɔbɛyɛ sɛ sumina wɔ asase ani.’+
11 Yehowa na ɔma ne nne+ so n’asraafodɔm+ no anim, efisɛ ne dɔm no dɔɔso paa.+ Nea ɔma n’asɛm ba mu no yɛ otumfoɔ; Yehowa da+ no yɛ kɛse na ɛyɛ hu sɛ. Hena na obetumi agyina ano?”+