Yesaia 11:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Na ɔde atɛntrenee bebu ahiafo atɛn+ na ɔde trenee ayi asase so ahobrɛasefo ntɛn. Na ɔde n’anom abaa+ bɛbɔ asase no na ɔde n’anom honhom akum abɔnefo.+ Hebrifo 1:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Nanso ɔka Ɔba no ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ne w’ahengua daa+ daa, na w’ahempoma+ yɛ teeyɛ poma.+ Hebrifo 1:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Wodɔɔ trenee, na wukyii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurusi ngo sraa+ wo sen wo mfɛfo+ no.”
4 Na ɔde atɛntrenee bebu ahiafo atɛn+ na ɔde trenee ayi asase so ahobrɛasefo ntɛn. Na ɔde n’anom abaa+ bɛbɔ asase no na ɔde n’anom honhom akum abɔnefo.+
9 Wodɔɔ trenee, na wukyii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurusi ngo sraa+ wo sen wo mfɛfo+ no.”