28 Nanso Onyankopɔn bi wɔ ɔsoro a oyi ahintasɛm adi,+ na wama Ɔhene Nebukadnesar ahu nea ɛbɛba wɔ awiei nna no mu. Ɔdae a wosoe no ni, na anisoadehu a wunyae wɔ wo tirim bere a na woda wo mpa so no ni:
45 Sɛnea wuhui sɛ ɔbo bi a obiara nsa ampae tew fii bepɔw no ho bebubuu dade, kɔbere, dɔte, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ no, saa ara na ɛbɛyɛ.+ Onyankopɔn Kɛse no na wakyerɛ ɔhene nea ɛbɛba daakye.+ Ɔdae no yɛ nokware, na ne nkyerɛase nso renni huammɔ.”