-
Genesis 41:5-7Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
5 Ɔsan dae bio, na ɔsoo dae a ɛto so abien. Ohui sɛ hwiit* mmɛtem akɛse ason a ɛyɛ fɛ apuepue dua koro so.+ 6 Afei hwiit mmɛtem ason nteaanteaa a apuei mframa ama atwintwam nso dii akyi bae. 7 Na hwiit mmɛtem nteaanteaa no memenee hwiit mmɛtem akɛse ason a ɛyɛ fɛ no. Afei Farao ani tewee, na ohui sɛ ɛyɛ dae.
-