8 Enti ɛnyɛ mo na mode me baa ha, na mmom nokware Nyankopɔn no na ɔde me bae sɛ memmɛyɛ Farao fotufo panyin* ne ne fi nyinaa so wura, na madi Egypt asaase nyinaa so.+
9 Na mmusua ti no ani beree Yosef,+ na wɔtɔn no kɔɔ Egypt.+ Nanso na Onyankopɔn ka ne ho,+10 na ogyee no fii ne haw nyinaa mu, na ɔma onyaa adom ne nyansa wɔ Egypt hene Farao anim. Na Farao de Egypt ne ne fi nyinaa hyɛɛ ne nsa sɛ ɔnhwɛ so.+