33 Sɛ Farao frɛ mo bisa mo sɛ, ‘Adwuma bɛn na moyɛ?’ a, 34 monka sɛ, ‘Wo nkoa ne yɛn agyanom ayɛn nguan ne anantwi afi yɛn mmofraase.’+ Eyi bɛma moatena Gosen asaase so,+ efisɛ Egyptfo kyi nguanhwɛfo.”+
26 Nanso Mose kae sɛ: “Ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛyɛ saa, efisɛ yɛde ade a Egyptfo kyi na ɛbɛbɔ afɔre ama Yehowa yɛn Nyankopɔn.+ Na sɛ yɛde ade a Egyptfo kyi bɔ afɔre wɔ wɔn anim a, so wɔrensiw yɛn abo?