17 Afei Yakob sɔre de ne mma ne ne yerenom tenatenaa yoma so;+18 na ɔde ne nyɛmmoa ne agyapade a wabenya+ wɔ Padan-Aram nyinaa siim sɛ ɔrekɔ ne papa Isak nkyɛn wɔ Kaanan asaase so.+
33 Sɛ Farao frɛ mo bisa mo sɛ, ‘Adwuma bɛn na moyɛ?’ a, 34 monka sɛ, ‘Wo nkoa ne yɛn agyanom ayɛn nguan ne anantwi afi yɛn mmofraase.’+ Eyi bɛma moatena Gosen asaase so,+ efisɛ Egyptfo kyi nguanhwɛfo.”+