4 Wɔfaa Yosef asefo sɛ mmusuakuw abien,+ Manase ne Efraim.+ Wɔantwa asaase no bi amma Lewifo no, gye nkurow+ a wɔbɛtena mu ne ɛho nsaase a wɔn nyɛmmoa bedidi so na wɔde wɔn nneɛma agu so.+
5Israel ba panyin Ruben+ asefo din na edidi so yi. Ná ɔyɛ ɔba panyin, nanso ɔne ne papa mpena* dae,*+ enti wɔde mpanyinni no maa Israel ba Yosef mma,+ na wɔankyerɛw ne din sɛ abakan.