13 Ɛbaa saa no, Egyptfo no hyɛɛ Israelfo no ma wɔyɛɛ nkoadwuma.+14 Wɔmaa asetena fonoo wɔn, na wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwumaden. Wɔma wɔwɔw dɔte de yɛɛ birikisi, na wɔma wɔyɛɛ afuw mu nnwuma nyinaa bi. Nkoadwuma biara a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn yɛ no, wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛe.+
7 Yehowa toaa n’asɛm no so sɛ: “Amane a me nkurɔfo a wɔwɔ Egypt no rehu nyinaa m’ani tua, na mate apini a wosi esiane sɛ wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma nti. Minim wɔn brɛ nyinaa.+
6 Bio nso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ n’asefo* bɛkɔ akɔyɛ ahɔho wɔ obi man so, na ɛhɔfo de wɔn bɛyɛ nkoa na wɔateetee wɔn* mfe 400.+7 Onyankopɔn kae sɛ, ‘Mebu ɔman a ɛde wɔn bɛyɛ nkoa no atɛn,+ na eyinom akyi no, wobefi hɔ na wɔabɛsom me wɔ ha.’+