Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Genesis 25:9, 10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 Ne ba Isak ne ne ba Ismael siee no wɔ Makpela ɔbodan mu wɔ Hitini Sohar ba Efron asaase a ɛbɛn Mamre no so;+ 10 ɛno ne asaase a Abraham tɔ fii Het asefo hɔ no. Ɛhɔ na wosiee Abraham kaa ne yere Sara ho.+

  • Genesis 49:29-33
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 29 Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛrenkyɛ wɔde me bɛkɔ akɔka me nkurɔfo ho.*+ Munkosie me nka m’agyanom ho wɔ ɔbodan a ɛwɔ Hitini Efron asaase so no mu.+ 30 Eyi ne ɔbodan a ɛwɔ Makpela asaase so wɔ Mamre anim wɔ Kaanan asaase so no; ɔbodan yi na Abraham tɔ fii Hitini Efron hɔ de yɛɛ amusiei no. 31 Ɛhɔ na wosiee Abraham ne ne yere Sara,+ ɛhɔ na wosiee Isak+ ne ne yere Rebeka, na ɛhɔ ara nso na misiee Lea. 32 Het asefo na wɔtɔn asaase no ne ɔbodan a ɛwɔ so no.”+

      33 Bere a Yakob ne ne mma no kasa wiei no, ɔmaa ne nan so guu mpa so na oguu ahome a etwa to, na wɔde no kɔkaa ne nkurɔfo ho.*+

  • Genesis 50:13, 14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Ne mma no de no kɔɔ Kaanan asaase so kosiee no ɔbodan mu wɔ Makpela asaase so wɔ Mamre anim. Asaase yi na Abraham tɔ fii Hitini Efron hɔ de yɛɛ amusiei no.+ 14 Yosef siee ne papa wiei no, ɔne ne nuanom ne wɔn a ɔne wɔn kosiee ne papa no nyinaa san baa Egypt.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena