-
Exodus 26:1-6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
26 “Nwene ntama du fa yɛ ɔsom ntamadan+ no. Nneɛma a wode bɛyɛ saa ntama du no ne hama papa a wɔde yɛ nwera, hama bruu, hama afasebiri, ne hama kɔkɔɔ. Ma wɔnnwene kerubim+ wɔ ntama no biara mu. 2 Ma ntama no mu biara tenten nyɛ basafa* 28, na emu biara tɛtrɛtɛ nyɛ basafa 4. Ɛsɛ sɛ ntama no nyinaa kɛse yɛ pɛ.+ 3 Keka ntama anum si anim ma baako ntoa baako so, na keka anum a aka no nso si anim ma baako ntoa baako so. 4 Afei fa hama bruu yɛ nhankare toto ntama a wɔakeka asi anim no baako ano, na yɛ saa ara wɔ ntama a wɔakeka asi anim baako a aka no nso ano; ɛhɔ na wɔbɛka abien no abom. 5 Yɛ nhankare 50 wɔ ntama no baako ano, na yɛ 50 wɔ ntama a aka no nso ano; ɛhɔ na wɔbɛka abien no abom; enti baabi a nhankare no wɔ no bedi nhwɛanim. 6 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nnade nketewa 50 fa suso ntama abien no mu na ɛmmom baako.+
-