-
Exodus 25:17-20Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
17 “Fa sika kɔkɔɔ amapa yɛ ne mmuaso. Ma ne tenten nyɛ basafa abien ne fã, na ne tɛtrɛtɛ nyɛ basafa baako ne fã.+ 18 Afei fa hamma* boro sika kɔkɔɔ yɛ kerubim abien, na fa sisi mmuaso no afã abien no nyinaa.+ 19 Fa kerubim abien no sisi mmuaso no so, baako wɔ ano ha a, na baako nso wɔ ano ha. 20 Ma kerubim no ntrɛw wɔn ntaban abien no mu nkɔ soro na ɛnkata adaka no mmuaso so.+ Ma kerubim no nni nhwɛanim na wɔn anim nkyerɛ mmuaso no.
-