-
Exodus 25:23-28Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
23 “Afei fa ɔkanto dua yɛ ɔpon;+ ma ne tenten nyɛ basafa abien, ne tɛtrɛtɛ basafa baako, na efi soro besi fam nyɛ basafa baako ne fã.+ 24 Fa sika kɔkɔɔ amapa fa ho nyinaa, na fa sika kɔkɔɔ no bi toto ano hyia. 25 Yɛ mfomfamho a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ sɛ nsayam* twa ho hyia, na fa sika kɔkɔɔ twa mfomfamho no ho hyia. 26 Fa sika kɔkɔɔ yɛ nkawa anan, na fa nkawa no bobɔ ntwea anan no ho, baabi a ne nan anan no sisi no. 27 Ma nkawa no mmɛn mfomfamho a wɔde atwa ɔpon no ho ahyia no. Nkawa no mu na wɔde nnua nteaanteaa no bɛhyehyɛ de asoa ɔpon no. 28 Nnua nteaanteaa no, fa ɔkanto dua sen, na fa sika kɔkɔɔ fa ho nyinaa, na wɔmfa nsoa ɔpon no.
-