Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Exodus 25:31-39
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 31 “Fa hamma boro sika kɔkɔɔ amapa yɛ kaneadua.+ Sɛnea wobɛyɛ no ni: Ma ennya nea ebegyina so, ɛnan, nkorabata, nkuruwa, funuma, ne nhwiren. Yɛ ne nyinaa bom baako.+ 32 Ma kaneadua no nnya nkorabata asia, nkorabata abiɛsa wɔ ɔfã baako na abiɛsa nso wɔ ɔfã a aka no. 33 Ma ɔfã baako nkorabata biara nnya nkuruwa abiɛsa a ɛte sɛ aborɔfo nkate nhwiren, funuma, ne nhwiren; wufi funuma so a, na wokɔ nhwiren so. Ma ɔfã a aka no nso nkorabata biara nnya nkuruwa abiɛsa a ɛte sɛ aborɔfo nkate nhwiren, funuma, ne nhwiren; wufi funuma so a, na wokɔ nhwiren so. Saa na yɛ nkorabata asia a ɛwowɔ kaneadua no nan ho nyinaa. 34 Yɛ nkuruwa anan a ɛte sɛ aborɔfo nkate nhwiren wɔ kaneadua no nan ho. Na yɛ funuma ne nhwiren nso wɔ ho; wufi funuma so a, na wokɔ nhwiren so. 35 Faako a nkorabata abien a edi kan no pue fi kaneadua no ho no, yɛ funuma wɔ ase; faako a nkorabata abien a edi hɔ no pue no, yɛ funuma wɔ ase; faako a nkorabata abien a etwa to no pue no nso, yɛ funuma wɔ ase. Enti baabi a nkorabata asia no paapae wɔ kaneadua no ho biara, yɛ bi wɔ ase. 36 Funuma ne nkorabata ne kaneadua mu no nyinaa, fa hamma boro sika kɔkɔɔ amapa+ na yɛ ne nyinaa bom baako. 37 Yɛ nkanea ason sisi so, na sɛ wɔsɔ a, ahyerɛn wɔ kaneadua no anim.+ 38 Fa sika kɔkɔɔ amapa yɛ ɛho nneɛma a wɔde fa ogya ne nkankyee a wɔde ogya gu mu no.+ 39 Sika kɔkɔɔ amapa dwetikɛse* baako na wode bɛyɛ kaneadua no ne saa nneɛma yi nyinaa.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena