-
Exodus 26:19-21Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
19 “Afei fa dwetɛ yɛ nnyinaso+ 40 a wode nnua 20 no besisi so. Ntamadan nnua no biara benya pɔw abien, na wɔde nnyinaso abien bɛhyɛ baako ase, na wɔde abien abien ahyehyɛ nnua a aka no mu biara ase.+ 20 Fa nnua 20 nso sisi ɔsom ntamadan no fã noho a ɛhwɛ atifi fam no, 21 na fa dwetɛ yɛ nnyinaso 40 a nnua no besisi so. Ntamadan dua baako benya nnyinaso abien, na nnua a aka no mu biara nso benya nnyinaso abien.
-
-
Exodus 26:25Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
25 Enti ɛbɛyɛ nnua awotwe ne dwetɛ nnyinaso 16; ntamadan dua baako benya nnyinaso abien wɔ ase, na nnua a aka no mu biara nso benya nnyinaso abien wɔ ase.
-
-
Exodus 26:32Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
32 Afei fa ɔkanto yɛ adum anan na fa sika kɔkɔɔ fa ho, na fa ntwamutam no sɛn so. Fa sika kɔkɔɔ yɛ adum no ho nsusomu, na fa adum no sisi dwetɛ nnyinaso anan so.
-