-
Exodus 38:9-11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
9 Afei ɔyɛɛ adiwo wɔ ntamadan no ho.+ Ɔde hama papa a wɔde yɛ nwera yɛɛ ntama sensɛn adiwo no fã a ɛhwɛ anaafo fam no; ɛhɔ de no, ɔmaa ne tenten yɛɛ basafa 100.+ 10 Ɔde kɔbere yɛɛ adum 20 ne nnyinaso 20 no, na ɔde dwetɛ yɛɛ adum no nsusomu ne ne nkawa. 11 Ɔfã a ɛhwɛ atifi fam no nso, ɔyɛɛ ntama a ne tenten yɛ basafa 100 sensɛn hɔ. Na ɔde kɔbere yɛɛ adum 20 ne nnyinaso 20, na ɔde dwetɛ yɛɛ ɛho nsusomu ne nkawa no.
-