-
Exodus 29:36, 37Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
36 Da biara, wode nantwinini bɛbɔ bɔne ho afɔre, na wode adwira afɔremuka no ho afi bɔne ho de atew ho. Afei fa ngo sra afɔremuka no ma ɛnyɛ kronkron.+ 37 Fa nnanson pata ma afɔremuka no na dwira ho sɛnea ɛbɛyɛ a afɔremuka no bɛyɛ kronkron paa.+ Ansa na obi de ne nsa bɛka afɔremuka no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ kronkron.
-
-
Leviticus 8:11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
11 Ɛno akyi no, ɔde bi petee afɔremuka no so mpɛn ason, na ɔsraa afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa ne ɔsɛn no ne ne nnyinaso de tew ho.
-