31 Ntɛm pa ara na ɔfrɛɛ Mose ne Aaron+ anadwo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsɔre na mo ne Israelfo a wɔaka nyinaa mfi me man mu nkɔ. Monkɔsom Yehowa sɛnea moaka no.+ 32 Momfa mo nguan ne mo anantwi nso nkɔ sɛnea moaka no.+ Na ɛyɛ a monsrɛ nhyira mma me nso.”