Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Exodus 8:21, 22
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 Na sɛ woamma me nkurɔfo no ankɔ a, mɛma ahurii* aba wo ne wo nkoa ne wo manfo so ne w’afi mu, na ahurii bɛhyɛ Egypt afi ma, na asaase a wɔn nan* sisi so mpo, wɔbɛkata so nyinaa. 22 Saa da no, mɛyɛ Gosen asaase a me nkurɔfo te so no soronko. Ohurii biara renkɔ hɔ,+ na woahu sɛ me Yehowa, mewɔ asaase yi so.+

  • Exodus 9:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 ɛnde hwɛ, Yehowa de ne nsa+ bɛka wo nyɛmmoa a wɔwɔ wuram no. Na ɔbɛma owuyare+ atew asi apɔnkɔ, mfurum, yoma, anantwi ne nguan nyinaa mu.

  • Exodus 9:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Enti ade kyee no, Yehowa yɛɛ nea ɔkae no, na Egypt nyɛmmoa nyinaa bi fii ase wuwui,+ nanso Israelfo mmoa de, baako mpo anwu.

  • Exodus 9:26
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 26 Gosen asaase a na Israelfo wɔ so no nkutoo na asukɔtweaa no antɔ wɔ hɔ.+

  • Exodus 11:7
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 Na Israelni anaa n’ayɛmmoa de, ɔkraman mpo rempow no, na Yehowa de bɛkyerɛ mo sɛ nsonsonoe da Egyptfo ne Israelfo ntam.’+

  • Exodus 12:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Na ofi biara a mowɔ mu no, mogya no bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama mo. Sɛ mihu mogya no a, metwam akɔ, na sɛ mede ɔsɛe ba Egypt asaase so a, ebi renka mo.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena