6 Mmom baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛpaw de ne din ato no, ɛhɔ na kum Twam aboa no. Kum no anwummere a owia akɔtɔ,+ te sɛ bere a na worefi Egypt no. 7 Noa aboa no nam na we+ wɔ baabi a Yehowa wo Nyankopɔn bɛkyerɛ,+ na ade kye anɔpa a woasan akɔ wo ntamadan mu.