4 Ɛnna Mose kae sɛ: “Nea Yehowa aka ni, ‘Mɛba abɛfa Egypt anadwo dasum,+5 na abakan biara a ɔwɔ Egypt asaase so bewu,+ efi Farao a ɔte agua so abakan so kosi afenaa a ɔreyam ade wɔ ɔbo* so abakan so, ne ayɛmmoa biara abakan.+
29 Eduu anadwo dasum no, Yehowa kum Egypt asaase no so abakan biara,+ efi Farao a ɔte agua so abakan so kosi akoa a ɔda afiase* abakan so. Okum aboa biara nso abakan.+