12Na Yehowa ka kyerɛɛ Abram sɛ: “Fi w’asaase so ne w’abusuafo mu ne w’agya fi kɔ asaase a mɛkyerɛ wo no so.+2 Mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mehyira wo ama wo din ayɛ kɛse, na wobɛyɛ nhyira ama nkurɔfo.+
5 Afei ɔde no fii adi na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, ma w’ani so hwɛ soro, na sɛ wubetumi akan nsoromma yi a, kan.” Na ɔkae sɛ: “Saa na w’asefo* bɛyɛ.”+
2 Ɛnna Onyankopɔn ne Israel kasae anadwo wɔ anisoadehu mu sɛ: “Yakob, Yakob!” na ogyee so sɛ: “Mini!” 3 Ɔkae sɛ: “Mene nokware Nyankopɔn no, Onyankopɔn a wo papa som no no.+ Nsuro sɛ wobɛkɔ Egypt, na mɛma woayɛ ɔman kɛse wɔ hɔ.+
32 Eyinom ne Israelfo a wɔkyerɛw wɔn din huu nnipa dodow a ɛwɔ wɔn agyanom abusuafi biara mu no. Nnipa a wɔwɔ asoɛe ahorow hɔ a wobetumi ayɛ asraafo, a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ 603,550.+