11 Bere a wodii Twam no a ade kyee no, saa da no ara na wofii ase dii asaase no so nnɔbae, paanoo a mmɔkaw nnim+ ne nkyewe. 12 Na da a wodii asaase no so nnɔbae no bi no, ade kyee ara na mana no gyaee tɔ, na Israelfo annya mana bio.+ Saa afe no, wofii ase dii Kaanan asaase no so nnɔbae no bi.+