15 Momfa nnansia nyɛ adwuma, na da a ɛto so ason no de, ɛyɛ homeda, monhome koraa.+ Ɛyɛ da kronkron ma Yehowa. Obiara a ɔbɛyɛ adwuma Homeda no, ɛsɛ sɛ wokum no.
2 Nnansia na momfa nyɛ adwuma, na da a ɛto so ason no de, ɛbɛyɛ da kronkron ama mo. Ɛyɛ Yehowa Homeda a mode bɛhome koraa.+ Obiara a ɔbɛyɛ adwuma saa da no, ɛsɛ sɛ wokum no.+
3 “‘Monyɛ adwuma nnansia, na da a ɛto so ason no yɛ da a ɛsɛ sɛ mohome koraa;+ ɛyɛ nhyiam kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara. Baabi a mobɛtena biara no, monkae sɛ ɛyɛ Homeda ma Yehowa.+