16 Da a ɛto so abiɛsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam paapaee, na omununkum kusuu+ bɛkataa bepɔw no so, na abɛn bi gyigyei denneennen, na ɔmanfo a wɔwɔ asoɛe hɔ no nyinaa ho popoe.+
18 Na moamma bepɔw no ho, bepɔw* a wotumi de nsa ka+ a wɔde ogya ato mu,+ a omununkum kusuu ne sum kabii wɔ so na mframa a ano yɛ den+ bɔ fa ho no; 19 na moamma torobɛnto nnyigyei+ ne ɛnne a ɛrekasa+ no ho, ɛnne a nkurɔfo no tee a wɔsrɛe sɛ wɔnnka asɛm biara nnkyerɛ wɔn bio+ no.