-
Exodus 35:4-9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Afei Mose ka kyerɛɛ Israel asafo no nyinaa sɛ: “Nea Yehowa aka ni, 5 ‘Munnyigye ntoboa mma Yehowa.+ Obiara a ne koma ka no+ no betumi de nneɛma yi bi abrɛ Yehowa: sika kɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, 6 hama bruu, hama afasebiri, hama kɔkɔɔ, hama papa a wɔde yɛ nwera, apɔnkye nwi,+ 7 adwennini nhoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, sukraman* nhoma, ɔkanto dua, 8 ngo a wɔde begu nkanea mu, balsam ngo a wɔde bɛyɛ ɔsrango ne aduhuam,+ 9 abohene tuntum ne abo foforo a wɔde bɛbobɔ efɔd*+ ne nkatabo+ mu.
-