-
Exodus 30:23-25Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
23 “Afei kɔhwehwɛ nnuhuam papa: kurobow a ada nnwetɛbona 500, na fa sinamon huamhuam te sɛ kurobow no fã, kyerɛ sɛ nnwetɛbona 250, ne kalamus aduhuam nnwetɛbona 250, 24 ne kasia aduhuam nnwetɛbona 500, sɛnea wobu dwetɛbona ano wɔ kronkronbea hɔ no,*+ ne ngo hin* baako. 25 Fa yɛ ɔsrango kronkron; ɛsɛ sɛ mofra no yiye paa.*+ Ɛbɛyɛ ɔsrango kronkron.
-