-
Exodus 37:1-5Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
37 Afei Besalel+ de ɔkanto dua yɛɛ Adaka no.+ Ɔyɛɛ ne tenten basafa* abien ne fã, ne tɛtrɛtɛ basafa baako ne fã, na efi soro besi fam yɛ basafa baako ne fã.+ 2 Ɔde sika kɔkɔɔ amapa faa emu ne ɛho nyinaa, na ɔde sika kɔkɔɔ no bi totoo ano hyiae.+ 3 Afei ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ nkawa anan bobɔɔ baabi wɔ ne nan no biara soro; nkawa abien wɔ ha a, na abien nso wɔ ha. 4 Ɛnna ɔde ɔkanto dua sen nnua nteaanteaa, na ɔde sika kɔkɔɔ faa ho nyinaa.+ 5 Afei ɔde nnua no hyehyɛɛ nkawa no mu wɔ Adaka no nkyɛn na wɔde asoa Adaka no.+
-