16 Afei kɔ na kɔboa Israel mpanyimfo ano na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham, Isak, ne Yakob Nyankopɔn ayi ne ho adi akyerɛ me. Ɔkae sɛ: “M’adwene wɔ mo so,+ na nea wɔde reyɛ mo wɔ Egypt nyinaa m’ani tua.
31 Ɛbaa saa no, nkurɔfo no gye dii.+ Na bere a wɔtee sɛ Yehowa atwa n’ani abɛhwɛ Israelfo+ na wahu wɔn amanehunu no,+ wɔbɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butubutuw fam.