2 Enti ɔman no ne Mose hamee,+ na wɔkae sɛ: “Ma yɛn nsu nnom.” Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na mo ne me reham? Adɛn nti na mokɔ so sɔ Yehowa hwɛ?”+
7 “Monkae, na mommma mo werɛ mmfi da sɛ mohyɛɛ Yehowa mo Nyankopɔn abufuw wɔ sare no so.+ Efi da a mufii Egypt besi nnɛ a mowɔ ha yi, daa motew atua tia Yehowa.+