-
Deuteronomium 13:6-9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
6 “Ebia wo nuabarima a ɔyɛ wo maame ba, anaa wo babarima anaa wo babea anaa wo yere a ɔda wo kokom anaa wo yɔnko berɛbo bi bɛyɛ sɛ ɔrebɛdaadaa wo wɔ kokoam sɛ, ‘Ma yɛnkɔsom anyame foforo’+ a wo ne w’agyanom nnim wɔn, 7 anyame a aman a atwa mo ho ahyia nyinaa som wɔn no, aman a wɔbɛn mo anaa wɔwɔ akyirikyiri, efi asaase ano kosi asaase ano. 8 Ɛba saa a, mpene so na ntie no,+ nhu no mmɔbɔ, na mma wo yam nnhyehye wo mmma no, na nkata nea wayɛ no so; 9 mmom ɛsɛ sɛ wukum no.+ Di kan siw no abo, na ɔman no nyinaa nni akyi nsiw no abo nkum no.+
-