Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Exodus 33:22, 23
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 22 Sɛ m’anuonyam retwam a, mede wo bɛhyɛ tokuru mu wɔ ɔbotan yi mu, na mede me nsa bɛkata wo so akosi sɛ metwam akɔ. 23 Ɛno akyi no, meyi me nsa, na wubehu m’akyi. Na m’anim de, worenhu.”+

  • Numeri 12:8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 8 Me ne no kasa anim ne anim*+ ma ɔte biribiara ase; menkasa nkyerɛ no akasabebu mu.* Na Yehowa yi ne ho adi kyerɛ no. Enti adɛn na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose?”

  • Deuteronomium 34:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 Nanso odiyifo foforo biara amma Israel a na ɔte sɛ Mose;+ ɔno de, na Yehowa nim no anim ne anim.+

  • Yohane 1:18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 Onipa biara nhuu Onyankopɔn da;+ onyame+ a wɔwoo no koro a ɔwɔ Agya no nkyɛn*+ no, ɔno na wakyerɛ sɛnea Agya no te.+

  • Yohane 6:46
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 46 Ɛnyɛ sɛ onipa bi ahu Agya no;+ nea ofi Onyankopɔn hɔ no, ɔno nko ara na wahu Agya no.+

  • Asomafo Nnwuma 7:38
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 38 Mose yi na na ɔne asafo no wɔ sare so no. Ná ɔbɔfo+ a ɔkasa kyerɛɛ+ Mose wɔ Sinai Bepɔw so, a ɔsan kasa kyerɛɛ yɛn agyanom no ne Mose na ɛwɔ hɔ. Na Mose nsa kaa nkwa nsɛm kronkron sɛ ɔmfa mmrɛ yɛn.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena