-
Exodus 29:15-18Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
15 “Afei fa adwennini no baako, na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu odwennini no apampam.+ 16 Kum odwennini no na fa ne mogya pete afɔremuka no ho hyia.+ 17 Twitwa aboa no mu asinasin na hohoro ne nsono+ mu ne ne nan* ho, na fa esin biara to ne sin foforo ho kosi ne ti. 18 Hyew odwennini mu no nyinaa wɔ afɔremuka no so. Ɛyɛ ɔhyew afɔre huamhuam* a wɔhyew ma Yehowa.+ Ɛyɛ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa.
-
-
Leviticus 1:4Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Ma ɔmfa ne nsa nto aboa a ɔde rebɛbɔ ɔhyew afɔre no apampam, na wɔbɛpene so agye de apata ne bɔne.
-