19 “Afei fa odwennini a waka no nso bra na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu odwennini no apampam.+ 20 Kum odwennini no na fa ne mogya no bi yɛ Aaron aso nifa ne ne mma no aso nifa, na fa bi nso yɛ wɔn nsa nifa kokurobeti ne wɔn nan nifa kokurobeti ho, na fa mogya no bi pete afɔremuka no ho hyia.