29 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Obiara a ɔbɛbɔ asomdwoe afɔre ama Yehowa no, ɔmfa n’asomdwoe afɔrebɔde no bi mma Yehowa.+ 30 Ma ɔno ankasa mfa srade+ no nka aboa no koko ho mmɛbɔ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa. Ɔmfa nka aboa no koko ho na onhim no sɛ ohim afɔre+ wɔ Yehowa anim.