-
Leviticus 8:14, 15Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
14 Afei ɔde nantwinini a wɔde bɛbɔ bɔne ho afɔre no bae, na Aaron ne ne mma de wɔn nsa guu nantwi no apampam.+ 15 Mose kum aboa no na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya+ no mu de sosɔɔ afɔremuka no mmɛn no biara ho de dwiraa afɔremuka no ho.* Afei ohwiee mogya a aka no guu afɔremuka no ase de dwiraa ho na wɔatumi abɔ afɔre wɔ so de apata bɔne.
-