-
Exodus 29:38-41Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
38 “Nea wode bɛbɔ afɔre wɔ afɔremuka no so ni: da biara,+ wobɛfa adwennini nkumaa abien a wɔn mu biara adi afe. 39 Fa adwennini nkumaa no baako bɔ afɔre anɔpa na fa baako nso bɔ afɔre anwummere a anim rebiribiri.*+ 40 Sɛ wode odwennini kumaa a odi kan no rebɔ afɔre a, fa ngo pa a efi ngodua mu hin* nkyem anan mu baako, na fa fra esiam muhumuhu efa susude* nkyem du mu baako ka ho, na fa bobesa hin nkyem anan mu baako nso bɔ nsã afɔre. 41 Odwennini kumaa a ɔto so abien no, fa bɔ afɔre anwummere a anim rebiribiri.* Fa aduan afɔre ne afɔrebɔ nsã no bi ka ho te sɛ anɔpa de no ara. Fa bɔ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa.
-
-
Numeri 28:4-6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
4 Momfa odwennini kumaa baako mmɔ afɔre anɔpa, na momfa odwennini kumaa a aka no nso mmɔ afɔre anwummere.*+ 5 Momfa esiam muhumuhu efa nkyem du mu baako* a wɔde ngo pa a efi ngodua* mu hin* nkyem anan mu baako afra mmɔ aduan afɔre.+ 6 Ɛyɛ ɔhyew afɔre a wɔbɔ no daa;+ Sinai Bepɔw so na wɔyɛɛ ho nhyehyɛe sɛ ɛnyɛ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa,
-