21 Ɛnna Yehowa bɔfo no teɛɛ poma a ekura no no, na ɔde ano no kaa nam no ne paanoo a mmɔkaw nnim no, na ogya fi ɔbotan no mu bɛhyew nam no ne paanoo a mmɔkaw nnim no.+ Na Yehowa bɔfo no yera fii n’anim.
26 Ɛnna Dawid sii afɔremuka+ wɔ hɔ maa Yehowa, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ so. Osu frɛɛ Yehowa na ogyee no so, na ɔtɔɔ ogya+ fi soro beguu ɔhyew afɔremuka no so ma ɛhyew afɔrebɔde no.