16 Afei Otwa Afahyɛ* no, munni wɔ bere a mode twa mo afuw mu nneɛma a edi kan no mu.+ Anoboaboa Afahyɛ* no nso, munni wɔ afe no awiei, bere a moboaboa mo nnɔbae a etwa to ano fi afuw mu no.+
26 “‘Na sɛ moredi mo Nnawɔtwe Afahyɛ no+ a, da a motew mo aba a edi kan no,+ sɛ mode hwiit* foforo no bi rebɛbɔ aduan afɔre ama Yehowa a,+ monyɛ nhyiam kronkron. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwumaden biara.+