3 Ɔsɔfo no nkɔ asoɛe no akyi nkɔhwɛ kwatani no. Sɛ ɔsɔfo no hu sɛ ne ho atew a, 4 ɔsɔfo no mma ɔmfa nnomaa a wɔn ho tew abien, sida dua, hama kɔkɔɔ, ne sommɛ* a wɔde bɛtew ne ho mmra.+
6 Na ɔsɔfo no mfa sida dua ne sommɛ*+ ne koogyan na ɔntow ngu ogya a wɔde rehyew nantwi no mu. 7 Afei ɔsɔfo no nhoro ne ntaade na ɔmfa nsu nguare,* na owie a, obetumi aba asoɛe hɔ. Nanso ɔsɔfo no ho rentew kosi anwummere.