6 Afei ɔmfa anomaa a ɔte ase no ne sida dua, hama kɔkɔɔ, ne sommɛ no nyinaa mmɔ anomaa a wokum no wɔ nsu no ani no mogya mu. 7 Ma ɔmfa mpete nea ɔrebɛtew ne ho afi ne kwata ho no ho mpɛn ason. Afei ɔnkyerɛ sɛ ne ho tew, na onnyaa anomaa a ɔte ase no mma ontu nkɔ wuram.+