-
Leviticus 3:3-5Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
3 Aboa a ɔde bɛbɔ asomdwoe afɔre no, onyi n’afã a edidi so yi mfa nyɛ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa:+ srade+ a ɛkata n’ayamde ho, nsono no ho srade nyinaa, 4 ne asaabo abien no ne ɛho srade a ɛbɛn n’asen no. Onyi mmerɛbo no ho srade nka asaabo no ho.+ 5 Ma Aaron mma no nhyew wɔ afɔremuka no so nka ɔhyew afɔre a aka no ho. Wɔnhyew wɔ ogya no so.+ Ɛyɛ afɔre huamhuam* a wɔde ogya hyew ma Yehowa.+
-
-
Leviticus 7:29-31Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
29 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Obiara a ɔbɛbɔ asomdwoe afɔre ama Yehowa no, ɔmfa n’asomdwoe afɔrebɔde no bi mma Yehowa.+ 30 Ma ɔno ankasa mfa srade+ no nka aboa no koko ho mmɛbɔ afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa. Ɔmfa nka aboa no koko ho na onhim no sɛ ohim afɔre+ wɔ Yehowa anim. 31 Ma ɔsɔfo no nhyew srade no wɔ afɔremuka no so.+ Aboa no koko no de, ɛbɛyɛ Aaron ne ne mma dea.+
-