Leviticus 20:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Sɛ obi fa ne nua yere a, ɛyɛ abofonode.+ Wagu ne nua anim ase.* Wɔrennya mma. Deuteronomium 25:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 “Sɛ anuanom bi wɔ hɔ na baako wu na sɛ onni ba a, ɛnsɛ sɛ nea wawu no yere kɔware abɔntensoni. Mmom ne kunu nua no nyɛ n’asɛde na ɔnware no.+ Marko 6:17, 18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Ná Herode aware ne nua Filipo yere Herodia. Ɔbea no nti, na Herode asoma ama wɔakɔkyere Yohane de nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no de no ato afiase.+ 18 Efisɛ na Yohane ka kyerɛ Herode daa sɛ: “Mmara mma kwan sɛ wobɛware wo nua yere.”+
5 “Sɛ anuanom bi wɔ hɔ na baako wu na sɛ onni ba a, ɛnsɛ sɛ nea wawu no yere kɔware abɔntensoni. Mmom ne kunu nua no nyɛ n’asɛde na ɔnware no.+
17 Ná Herode aware ne nua Filipo yere Herodia. Ɔbea no nti, na Herode asoma ama wɔakɔkyere Yohane de nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no de no ato afiase.+ 18 Efisɛ na Yohane ka kyerɛ Herode daa sɛ: “Mmara mma kwan sɛ wobɛware wo nua yere.”+