Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Exodus 20:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 “Nsɛe aware.+

  • Leviticus 20:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 “‘Ɔbarima a ɔne ɔbarima foforo yere bɛsɛe aware, kyerɛ sɛ ɔne ne yɔnko yere bɛda no, ɛsɛ sɛ wokum no. Wonkum ɔbarima ne ɔbea awaresɛefo no nyinaa.+

  • Deuteronomium 22:22
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 22 “Sɛ ɔbarima bi ne obi yere da na wɔkyere wɔn a, ɔbarima a ɔyɛɛ saa no ne ɔbea no nyinaa, ɛsɛ sɛ wokum wɔn.+ Monyɛ saa mfa nyi adebɔne no mfi Israel.

  • Mmebusɛm 6:29
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 29 Saa ara na obiara a ɔne ne yɔnko yere da te;

      Obiara nni hɔ a ɔde ne ho ka no a, ɔbɛfa ne ho adi.+

  • Mateo 5:27, 28
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 27 “Motee sɛ wɔkae sɛ: ‘Nsɛe aware.’+ 28 Nanso mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea+ anya akɔnnɔ ama no no, ɔne no asɛe aware dedaw ne koma mu.+

  • 1 Korintofo 6:9, 10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 Anaa munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn Ahenni?+ Mommma wɔnnnaadaa mo. Aguamammɔfo,*+ abosonsomfo,+ awaresɛefo,+ mmarima a wɔma mmarima ne wɔn da,+ mmarima a wɔne mmarima da,+ 10 akorɔmfo, adifudepɛfo,+ akɔwensafo,+ wɔn a wotwa nkurɔfo adapaa,* ne apoobɔfo rennya Onyankopɔn Ahenni no.+

  • Hebrifo 13:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 4 Mo nyinaa, munni aware ni, na munngu aware mpa ho fĩ,+ efisɛ Onyankopɔn bebu aguamammɔfo* ne awaresɛefo atɛn.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena