-
Leviticus 8:15, 16Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
15 Mose kum aboa no na ɔde ne nsateaa bɔɔ mogya+ no mu de sosɔɔ afɔremuka no mmɛn no biara ho de dwiraa afɔremuka no ho.* Afei ohwiee mogya a aka no guu afɔremuka no ase de dwiraa ho na wɔatumi abɔ afɔre wɔ so de apata bɔne. 16 Ɛno akyi no, Mose yii srade a ɛwɔ aboa no nsono ne ne mmerɛbo ho no nyinaa ne asaabo abien no ne ɛho srade, na ɔhyewee wɔ afɔremuka no so.+
-