17 Nanso sɛ edi nnansa na nam no bi da so wɔ hɔ a, wɔmfa ogya nhyew.+ 18 Sɛ ɛba sɛ aboa a wɔde bɔɔ asomdwoe afɔre no nam no bi ka ma edi nnansa na obi we a, nea ɔde bae no rennya nhyira biara; wabrɛ agu. Ɛyɛ atantanne, na obiara a ɔbɛwe bi no benya ne bɔne so akatua.+