8 Homeda biara ɔmfa mmesi Yehowa anim.+ Ɛyɛ apam a me ne Israelfo ayɛ de kosi daa. 9 Ɛbɛyɛ Aaron ne ne mma dea,+ na ma wonni wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron,+ efisɛ ɛyɛ ade kronkron paa a efi afɔre a wɔde ogya hyew ma Yehowa no mu. Ɛyɛ ahyɛde a ɛbɛtena hɔ daa.”
9 Afɔre kronkron paa a wɔde ogya hyew a ɛbɛyɛ mo kyɛfa ni: Afɔre biara a ɔman no bɛbɔ ama me, te sɛ wɔn aduan afɔre,+ wɔn bɔne ho afɔre,+ ne wɔn afodi afɔre.+ Ɛyɛ ade kronkron paa ma wo ne wo mma.