15 na ɛsɛ sɛ wɔbɔ dawuru+ na wɔpae mu ka wɔ wɔn nkurow nyinaa mu ne Yerusalem baabiara sɛ: “Monkɔ mmepɔw no so nkɔpɛ ngodua mmaa, nku dua mmaa, ohuadua mmaa, berɛw, ne nnua foforo mmaa mfa mmɛbɔ apata sɛnea wɔakyerɛw no.”
9 Eyi akyi no, mihui, na hwɛ! nnipakuw kɛse bi a obiara ntumi nkan wɔn, a wofi aman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa*+ nyinaa mu, sɛ wogyinagyina ahengua no ne Oguammaa no anim hyehyɛ ntaade tenten fitaa;+ na wokurakura berɛw wɔ wɔn nsam.+