Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yesaia 61:1, 2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 61 Awurade Tumfo Yehowa honhom wɔ me so,+

      Efisɛ Yehowa asra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahobrɛasefo.+

      Wasoma me sɛ memmɛkyekyere koma a abubu,

      Na memmɛka ogye ho asɛm nkyerɛ wɔn a wɔakyere wɔn,

      Na menka nkyerɛ wɔn a wɔda afiase no sɛ wɔn aniwa bebue kɛse.+

       2 Wasoma me sɛ memmɛka Yehowa adom* afe

      Ne ɛda a yɛn Nyankopɔn de betua bɔne so ka,+

      Na menkyekye wɔn a wodi awerɛhow nyinaa werɛ.+

  • Luka 4:18, 19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 “Yehowa* honhom wɔ me so, efisɛ wasra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo. Wasoma me sɛ memmɛka ogye ho asɛm nkyerɛ wɔn a wɔakyere wɔn, na memma anifuraefo nhu ade, na memma wɔn a wɔabubu mfa wɔn ho nni,+ 19 na menka Yehowa* adom bere* nkyerɛ nkurɔfo.”+

  • Romafo 8:20, 21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Na wɔde abɔde no ahyɛ adehunu ase.+ Ɛnyɛ n’ankasa ne pɛ nti na ɔhyɛ ase, na mmom nea ɔde no hyɛɛ ase no pɛ ntia. Ɔyɛɛ saa anidaso mu, 21 a ɛne sɛ abɔde no ankasa nso benya ahofadi+ afi ɔporɔw a ɛde no ayɛ akoa no mu, na ebenya anuonyam ahofadi a ɛwɔ hɔ ma Onyankopɔn mma no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena